Twi
Biribiara a ɛfa paneɛwɔ ho
Sɛ wɔde paneɛ(aduro) ɛbɔ nnipa de abɔ wɔn ho ban afiri yarewa bi ho a yɛfrɛ no paneɛbɔ.Nnyarewa bi wɔhɔ a ɛsɛsɛ wo taa bɔ paneɛ ansaana woanya ahobanbɔ(yarewa bi tesɛ‘ “tetanus“)Yareɛ nkaɛ bi tesɛ ntoburo anaa ntɛnkyɛm deɛ Paneɛ baakoɔ anaa mmienu pɛ bɛtumi abɔ wo ho ban afiri ho.
Paneɛ(aduro) nyane honam mu akwaa a ɛbɔ nipadua no ho ban no .Saa honam mu akwaa yi din de honam mu nkommoa.Paneɛ(aduro) ma saa nkommoa yi ahoɔden soronko ma no pamo nnyarewa biara firi honam no mu.Saa ade yi na yɛ frɛ no “antibodies“
Paneɛbɔ ma nnipa ntaa nya nnyarewa .Sɛ mmoawa nketekete a yɛnnfa yɛn ani kwa nhunu, na ɔmo san de yareɛ berɛ nipadua no(viruses ,bacterial or fungi) nya kwan wora nipadua no mu a,na kyerɛ sɛ yareɛ asaa nipadua no.Saa yareɛ tumi de owuo ba.
Paneɛbɔ tumi bɔ nipadua no ho ban firi nsan yareɛ ho ne yareɛ no nsonsiansoɔ a ɛtaa sɛe nipadua no mfie beberee akyi.
Nsɛm biara a ɛfa paneɛ a yɛde ɛsi corona ho kwan.
Wɔ Germani man mu ha no, paneɛ a ɛfiri “BioNTech (“Comernaty”), Moderna(„Spikevax“),AstraZeneca (“Vaxzevria”) ne Johnson & johnson“ adwumakuo no na y’agye atomu.Ɛfiri November 2021,yɛmmɔɔ Vaxzevria no bi wɔ Germani man mu ha. Na Johnson&Johnson no nso yɛnnfa mmɔ bio.
Paneɛ nyinaa nyane honam mu akwaa a ɛbɔ nipadua no ho ban no,deɛ yɛ frɛ no nkommoa no,seneɛ ɛbɛyɛ a nipadua no bɛbɔ no ankasa ho ban afiri mmoawa nketenkete a yɛnntumi mfa yɛn ani kwa nhunu(viruses).
Nipadua no ankasa yi “antibodies“ de bɔ honam no ho ban firi yareɛ mmoawa (virus) no ho.Nipadua no nam paneɛbɔ so “ sua“ kwan a wobɛbɔ ne ho ban.
Paneɛ no nyinaa hwɛ sɛ corona yareɛ mu nyɛ den na mpo sɛ ɛnku yɛn.Wɔ yɛn nimdeɛ mu no, nsonsonyɛ biara nni paneɛ no adwuma yɛ anaa na yaresa tumi mu..Yɛnim yie sɛ, paneɛ a ɛdikan no bɔ yɛn ban, saa ara nso na deɛ ɛtɔso mmienu nso bɔ yɛn ban yie.
Onipa biara a ɔmmɔɔ covid 19 paneɛ no bi no,mmɔ
mRNA paneɛ a ɛfiri BioNTech/Pfizer (BioNTech) anaa Moderna (Spikevax) mprɛ mmienu so nanso ɛwɔ sɛ nnawɔtwe kakra da ntɛmoo.
Wɔ Germani man mu no, nnipa dodoɔ a wadi mfie dummienu (12)de kɔsi aduasa(30) na ɛbɔ paneɛ a ɛfiri BioNTech/Pfizer.
Seisei deɛ EU agye atom sɛ mmɔfra a woadi mfie numb(5) dekɔsi dubaako bɛtumi awɔ BioNTech paneɛ no.Wɔn paneɛ no yɛ mmɔfra deɛ a wahyɛ da ayɛ ama wɔn. aduro dodoa a ɛwɔ wɔn paneɛbɔ no mu no so bɛte kakra.Mprenprem y’agye “Moderna“ atomu sɛ nnipa a w’adi mfie dunnwɔtwe(18) rekɔ bɛtumi awɔ.
Na Paneɛ Vaxzevria a ɛfiri AstraZeneca nso y’agye atomu 18+ Nanso firi bosome Obubuo 2021,yɛmmɔɔ Vaxzevria no bi wɔ Germani man mu ha.
paneɛ a ɛfiri Johnson and johnson nso yagye atom ama nipa wadi mfie dunnwotwe rekɔ 18+.Ɛnam sɛ nayaresa tumi wɔ fam nti no, wagyae ne bɔ no, ɛho nso ayɛ den wɔ Germani man mu ha.Ɛnti no obiara a wabɔ johnson and johnson paneɛ no bi no nsan nkɔ bɔ paneɛ a ɛtɔso mmienu wɔ mRNA paneɛ (Spikevax anaasɛ BioNTech) nnawɔtwe nnan akyi sɛneɛ ɛbɛyɛ a paneɛ no bɛtumi abɔ wɔn hoban yie Abodeɛmunyansapɛfoɔ gyedi sɛɛ sɛ wobɔ johnson and johnson paneɛ baako pɛ a ɛrentumi nyɛ adwuma yie.
Wɔ Germani Man mu ha no,sɛsɛi wo bɛtumi ayi Spikevax a ɛfiri Moderna ne Comirnaty a ɛfiri BioNTech/Pfizer no mu baako.Nanso wɔ taa de Comirnaty aduro no bɔ nnipa a wɔn mfie ntera aduasa(30).Wɔn a wanyini paa no deɛ,ɛho bɛhia sɛ wɔbɔ Spikevax paneɛ no.
Deɛn na ɛbɛsi wɔ paneɛ no wɔ akyire no?
Wo honam no hyɛ aseɛ ne paneɛ(aduru) no yɛ adwuma bom yɛ “antibodies “no.
Afei, ɛtommerɛ bi a honam da nneyɛɛ a ɛnnyɛ bi adi .Berebiara saa honam mu nneyɛɛ yi a yɛnya firi paneɛwɔ no ho no,nnyɛ hu saa na nkyɛre koraa na ɛkɔ.
Saa nneɛeɛ yi a honam no da no adi no bi ne sɛ;yaww kakra bɛba faako a wɔde paneɛ no bɔɔ yɛ no,honam ani no bɛyɛ kɔkɔɔ kakra,brɛwyɛ,ti paeɛ,ebunu,hurae ne honam yaw nso tumi ba.
Obiara honamdua yɛ soronko .Ɛno nti na obiara nya atinka soronko no.Ɛbinom nneɛeɛ a ɔdan no adi wɔ paneɛ no akyire no nnyɛ hu koraa,ebinom nso deɛ yɛhu na ɛbinom deɛ, ɔnnya nneɛeɛ biara.
Nsankrayɛ kakra a ɛbɛba wohonam mu no yɛ adepa. Ɛkyerɛsɛɛ paneɛ no reyɛ n’adwuma na honam rehyɛ aseɛ abɔ ne ho ban.Ɔhaw no deɛ nnyɛ adepa koraa na ɛbɛtumi ayɛhu nso.Nanso ntaa nsi.Paneɛ ho haw no ntaa nsi koraa.Deɛ ɛma saa ɔhaw no ba ne sɛ ebia na obi honam ne paneɛ no aduro no nhyia.
Paneɛ no akyire no,sɛ wonya ebunu na sɛ ankɔ nansa akyi a ɛwɔ sɛ wo kɔ hu dɔkota.
Mpo sɛ wobɔ Vaxzevria paneɛ a ɛfiri AstraZeneca adwumakuo no anaasɛ paneɛ a ɛfiri Johnson and Johnson adwumakuo na sɛ nna kakra akyi no woti pae wo a ɛwɔsɛ wohu wo dɔkota.
Honam mu nneɛeɛ anaa nsakrayɛ foforo a paneɛ no bɛtumi de aba no bi ne,yaww kakra bɛba faako a paneɛ no wɔɔ yɛ no,honam ani no bɛyɛ kɔkɔɔ kakra,brɛwyɛ,ti paeɛ,ebunu,hurae ne honam yaw nso tumi ba.
Ɔhaw a ɛwɔ paneɛ no so no ɛntaa nsi koaa.Ɛtɔdabi a nnipa bi nipadua no ne paneɛ no nhyia.
Wɔ AstraZeneca and Johnson & Johnson,nnipa kakraa bi na ɛnya “blood clot“. nnipa kakra bi nya “myocarditis“ kakra pɛ wɔ Moderna’s Spikevax ne BioNTech/Pfizer’s Comirnaty akyiri.Mpem pii no,sɛ ɛbɛsi mpo a, nnipa a wɔnnfie
mmoro aduasa (30) na nya saa ɔhaw yi.Ɛno nti no,ɛsɛsɛ nnipa a wɔn mfie mmoro aduasa(30) bɔ BioNTech/Pfizer’s Comirnaty paneɛ no ɛfirisɛ ne ɔhaw no ntaa mma koraa sɛ wode toto Moderna’s Spikevax paneɛ no ho a.
Mpɛnpii no paneɛ a ɛdi kan no bɔ yɛnhoban firi yareɛ no anoden ne ne wuo ho nanso nna kakra akyiri no na paneɛ a ɛdi kan no ahoɔden no asa.Yei nti na ɛsɛsɛ wobɔ paneɛ a ɛtoso mmienu no.Sɛ worebɛbɔ paneɛ a ɛdi kan no a,wɔde da a wobɛbɔ paneɛ a ɛtoso mmienu no bɛma wo. Sɛ wɔbɔ wo paneɛ mmienu no nyinaa wei a, mRNA paneɛ a ɛfiri BioNTech/Pfizer ne Moderna ɛna afei nso Vaxzevria a ɛfiri AstraZeneca bɛbɔ wohoban 90% afiri yareɛ COVID-19 ho(.tesɛ wagye ayaresa wɔ asopiti) Paneɛbɔ san bɔ nnipadua no ho ban bɛyɛ 75% tia COVID-19 san ho.
Animdefoɔ reka sɛ,ɛwɔ sɛ yɛbɔ paneɛ no bio wɔ mmerɛ bi akyi(boostered)Sɛ ɛbɛyɛyie mpo a, sɛ yɛbɔ paneɛ a ɛtoso mmienu wie a, abosome nsia (6)akyi no ɛwɔ sɛ yɛbɔ paneɛ(aduro)no bio ɛfirisɛ paneɛ(aduro) no ahoɔden no so tɛ abosome nsia(6) akyi.Saa deɛ wei to obiara.Saa paneɛ wei ne paneɛ nkayɛ no nyinaa yɛ pɛ.Sɛ yɛhwɛ “influenza“paneɛ no a,yɛbɔ no afe biara.Na “tetanus“(lockjaw) paneɛ no deɛ ɛsɛsɛ yɛbɔ no mfie du(10) biara.
Aane,wo renyini no na wo honamdua no reyɛ mmerɛ.Ɛnam nimdeɛ kakra a yɛwɔ wɔ paneɛ no ho no nti,paneɛ a EU agye atomu bɛtumi abɔ obiara ho ban mpo mmerewa ne nkɔkoraa.
Aane,wobɛtumi da asan obi nanso ɛnnyɛ mpem pii.Ɛnam yɛn nimdeɛ so no,sɛ yareɛ no yɛ nnipa a wabɔ paneɛ no bi a,yareɛ no ano wɔ fame.
Aane, nanso wɔ saa asem yi mu no ɛhia masɛ wowɔ paneɛ no bosome mmiɛnsa akyi firi berɛ a wohunuu sɛ wanya yareɛ no (throat swap) sɛneɛ ɛbɛyɛ a paneɛ(aduro) no bɛ nyane nkommoa dada noa ɛdii yareɛ no so no.
Sɛ yɛhunu “antibodies“ a ɛko tia COVID-19 no bi wɔwo mogya mo a,yɛbɛbɔ wo paneɛ no nnawɔtwe nnan (4) akyi pɛpɛɛpɛ.Obiara a ɔbɛ nya corona yareɛ wɔ paneɛ a ɛdi kan ne paneɛ a ɛtoso mmienu ntɛm no ɛwɔ sɛ odi nsɛm a yɛadi kan aka ho asɛm no so.Ɛhia ma “booster vaccination“
Aane, yɛbɛ kɔso adi yareɛ no mmra nyinaa so.Paneɛ wɔ akyire no yareɛ tumi san..Ahobanbo nhyehyeɛ no daso reyɛ adwuma.
Wobɛnya ahobanbɔ afiri corona yareɛ no anoden ne ne wuo ho.Paneɛ boa te corona mmoawa dwumadie so.Ɛbɛyɛ den kakra sɛ wode yareɛ no bɛsaa obi.Sɛ yɛyi apomoden mfasoɔ no firi hɔ a wobɛtumi akɔ baabiara a anka wontumi nkɔ wɔ bɛrɛ a wonwɔɔ paneɛ no.Sɛ wokura krataa a ɛkyerɛ sɛ wawɔ paneɛ no a Wobɛtumi akɔ cafes , wonnamfofoɔ nkyɛen , wobɛnya berɛ bebebree de ayɛ deɛ wopɛ.
Nhyehyɛeɛ bi aba a wɔde yɛ yareɛ kodiawuo yi ho anamontuo ho Saa nhyehyɛeɛ yi ne 3G,2G ɛna 2G+3G no kyerɛ sɛ:kwan da hɔ ma obiara a wabɔ paneɛ no,obiara ne ho atɔ no anaasɛ obiara a wanya “negative (rapid test/antigen test or PCR test)“wɔ da a wɔrekɔ nsra no.
2G kyerɛsɛ: kwan da hɔ ma obiara a wabɔ paneɛ no anaasɛ obiara a ne ho atɔ no 2G+ kyerɛsɛ: kwan da hɔ ma obiara wabɔ paneɛ no anaasɛ obiara ne ho atɔ no, nanso gyesɛ wo de biribi a ɛkyerɛ sɛ wanya “negative(rapid test/antigen test or PCR test)“wɔ da a worekɔ nsra no.
Ɛde nkwa to nsam anaa?
Mpaninfoɔ ne wɔn a wɔwɔ yareɛ bi dada nkwa da nsam yie paa.
Wɔbɛtumi awu anaasɛ wɔn yareɛ no mu bɛyɛ den paa ara .
Wɔ covid 19 ho no,Nipa a wɔtaa hyiahyia afoforo no, yareɛ no bɛtumi asaa wɔn.
Nipa yi bi ne dɔkotafoɔ, nɛɛsefoɔ, nnipa a wobom beberee wɔ efie bi mu, poliisifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ.
Ɛsiansɛ nnipa pii na ɛte beaɛ baako nti no, nnyɛ den sɛ yareɛ yi bɛsaa wɔn nyinaa ntɛntɛm.Ɛyɛ den sɛ wobɛ tete wɔntem ɛfirisɛ wɔ dɔɔso na beaɛ hɔ no nso sua.Yei nti na ɛhobɛhia sɛ yɛbɔ wɔn paneɛ no kanee.
Daabi ,wɔn a watu wɔn ho asi hɔ na yɛsɔɔ paneɛ no hweɛɛ wɔ wɔn so wɔ mmerɛ bi a atwam. Sɛsei deɛ mpanneɛ a wabɔ wɔ wiase nyinaa boro 8.5 billion (ɛbɛduru december 2021).Wei kyerɛsɛ ,wiase nkyekyɛmu fa anaasɛ fa ne akyire kakra na ɔhwɛ anim sɛ wɔbɛbɔ paneɛ yi atea COVID-19.
Aane,Wo koraa na wo hia paneɛ no paa ɛfirisɛ,sɛ wonya COVID-19 yareɛ no a ɛmu bɛtumi ayɛden paa ara ɛsian wo yareɛ dadaa no nti.
Nnipa a wɔwɔ yare dadaa na yɛbɔ wɔn paneɛ no kanee wɔ Germani man mu ha.
STIKO de aba sɛ apemfoɔ a wɔwɔ “ 2nd trimester“ mu(“second third of pregnancy“tesɛ firi
bosome nnan(4) wɔ nyinsen mu) a wɔmmɔɔ paneɛ no nkɔbɔ paneɛ no.
Na abaatan a wɔɔma wɔmma nufoɔ a wɔmmɔɔ paneɛ no deɛ STIKO de aba sɛ wɔmmɔ wɔn COVID-19 mRNA paneɛ Comirnaty a ɛfiri BioNTech/Pfizer no mmienu.
Apemfoɔ deɛ ɛmfa ho ne mfie a wadi ɛwɔ sɛ wobɔ Comirnaty paneɛ no na ɛnni ho kwan sɛ wɔbɔ Spikevax paneɛ no.Sɛ wobɔɔ paneɛ a ɛdi kan no ansaana wo fa yɛfunu a ,ɛwɔ sɛ wo bɔ paneɛ ɛtoso mmienu no wɔ 2nd trimester(ɛfiri bosome nnan wɔ nyinsen mu)
Mmɔfra a wadi mfie dummienu (12) rekɔ no bɛtumi abɔ BioNTech paneɛ a ɛfiri BioNTech/Pfizer.
Ɛbio,EU agye atomu sɛ yɛbɛtumi de saa paneɛ yi abɔ mmɔfra a wadi mfie 5 -11.
Yɛde mmɔfra paneɛ sononko a yate aduro no so kakra na ɛbɔ wɔn.
Nnipa a wɔ yare na ne ho ayɛ hyɛ paa (ɛfiri 38.5°C anaa deɛ ɛbrosoɔ ) .Yɛbɛtumi awɔ no paneɛ no berɛ a ne ho atɔ no.
Daabi, biribiara nni hɔ a abɔdeɛmu nyansapɛfoɔ aka a ɛkyerɛ sɛ paneɛ no kum nkwamoa anaasɛ ɛsi awoɔ ho kwan.
Paneɛwɔ no bi gyaeɛ efirisɛ na wopɛsɛ woyɛ paneɛ nsosiansoɔ no ho nhwehwɛmu no mu yie.Nnipa ahobanbo ne adea ɛhohia yie paa.Ɛno nti na woreyɛ nhwehwɛmu saa no.
Kwan bɛn so na mɛfaso anya paneɛ no bi abɔ?
Aane yɛ wɔ akwan beberee a wobɛfaso atwerɛ wo din Wobɛtumi ne dɔkotani a ɔbɔ paneɛ no ayɛ ho nhyehyɛe anaasɛ wobɛkɔ beaɛ a adɔkotafoɔ a wɔ nenam no wɔ no wɔberɛ a wo ne no nnyɛɛ nhyehyeɛ biara.
saa nsɛm yi pii wɔ abɛɛfo ntentan kɛseɛ so wɔ
https://impfen-schuetzen-testen.de/impfen/
Afie nnipa biara a wɔwɔ Lower Saxony a ɔpɛ nsɛm a ɛfa paneɛbɔ ho bɛtumi afrɛ : 0800 99 88 665
Wobɛtumi afrɛ saa nɔmba yi firi ɛdwoada kɔsi memeneda 8 am kɔpem 8 pm
Frɛ ahoma nnyɛ adwuma kwasiada ne afoofi da.
“Online vaccination portal in Germani https://www.impfportal-niedersachsen.de
Wɔ Lower Saxony medical information center no wob3tumi ahwehwɛ adɔkotafoɔ a wɔka kasa ahodoɔ beberee.
https://www.arztauskunft-niedersachsen.de
Nnipa biara wɔ ho kwan sɛ ɔte afutusem fa ayaresa ho ansaana wabɔ paneɛ no.
wie kyerɛsɛ beaɛ biara a wo bɛwɔ paneɛ no,sɛ ɛyɛ abusua dɔkota anaa paneɛbɔ beaɛ no , nsemmisa biara a wowɔ no wobɛtumi abusa.
Sɛ wonnyan mfaa wo ho adwɛn wɔ paneɛwɔ no ho a , wobɛtumi afre neɛ odi dwuma no na wabisa no agyinatuo.
Wɔ Germani man mo ha no yɛwɔ adɔkotafoɔ a ɔmo nenam bɔ paneɛ no , adckotafoɔ a wɔwɔ mpɔtam ne wɔn a wɔwɔ nimdeɛ pii na waredare wɔ yareɛ no mu.Wɔ 2022 “ spring“ mu no “dentists“ ne “pharmacists“ bɛnya tumi a wɔde bɛbɔ paneɛ no.
Saa kuo yi nso ka wɔn a wɔwɔ paneɛ no ho.Ɛyɛ adɔkotafoɔ kuo a wɔ kyinikyini kɔ baabi tesɛ afie mu,mpaninfoɔ paa fie , baabi a refugeefoɔ teteɛ, beaɛ kumaa bi a nnipa beberee teɛ.
Saa adɔkotafoɔ yi yɛ bɛyɛ 200.Wɔbɔ paneɛ no ne kwanso wɔ baabiara a wɔ bɛkɔ biara.
Ɛha na wobɛnya nsem anaa nkratoɔ biara a wopɛ:
https://impfen-schuetzen-testen.de/impfen/
https://www.niedersachsen.de/Coronavirus
https://www.integrationsbeauftragte.de/ib-de/staatsministerin/corona
https://www.zusammengegencorona.de/
https://www.rki.de/DE/Content/Infekt/Impfen/ImpfungenAZ/COVID-19/COVID-19.html
Paneɛbɔ Mmra nsɛmmisa.
Aane .wɔ Germani man mu ha deɛ, Woankasa na wobɛkyerɛ sɛ wobɛbɔ paneɛ no anaa wonmmɔ.
Nanso sɛ wopɛsɛ woyɛ adwuma wɔ nnwumakuo bi mu a ɛyɛ ɔhyɛso sɛ wobɛbɔ paneɛ no.
Ɛfiri ɔbɛnem bosome 15.2022 rekɔ no saa ɔhyɛ yi bɛterɛ akɔ nnipa a wɔyɛ adwuma wɔ ayaresabea nyinaa.Nnipa a wɔmmɔɔ paneɛ no wɔ mmerɛ kakra bi a wɔ bɛtumi de anenam ayɛ deɛ ɔpɛ. Nhyehyɛeɛ bi aba a wɔde yɛ yareɛ kodiawuo yi ho anamontuo ho Saa nhyehyɛeɛ yi ne 3G,2G
ɛna 2G+
3G no kyerɛ sɛ:kwan da hɔ ma obiara a wabɔ paneɛ no,obiara ne ho atɔ no anaasɛ obiara a wanya “negative (rapid test/antigen test or PCR test)“wɔ da a wɔrekɔ nsra no.
2G kyerɛsɛ: kwan da hɔ ma obiara a wabɔ paneɛ no anaasɛ obiara a ne ho atɔ no
2G+ kyerɛsɛ: kwan da hɔ ma obiara wabɔ paneɛ no anaasɛ obiara ne ho atɔ no, nanso gyesɛ wo de biribi a ɛkyerɛ sɛ wanya “negative(rapid test/antigen test or PCR test)“wɔ da a worekɔ nsra no.
Daabi .yɛntwɛ obiara aso,paneeɛ no yɛ ɔpɛ so na mmom nnyɛ ɔhyɛ so.
Paneɛ no ne asylum nhyehyɛeɛ no wɔ biribi yɛ anaa?
Daabi.Sɛ wowɔ paneɛ no anaasɛ wannwɔ a, asotwe biara nni mu na ɛne asylum nhyehyɛeɛ no nni hwee yɛ.
“The Standing Commission (STIKO)na ɛkamfo paneɛ no kyerɛ vmanfoɔ wɔ Germany.Nipa dunsia(16) a w’akwadwere wɔ abɔdeɛ mu nyansapɛ na w’atu wɔn ho asi hɔ wɔ commisssion no mu.Saa nipa yi atu wɔn ho sɛ wɔ bɛ bua nsɛmmisa a ɛfa paneɛ ne nsaayareɛ nyinaa ano.wɔ san kamfo paneɛ no ma